Kwabre Nyame: Adinkra Nkɔnsɔnkɔnsɔn evokes 0 big emotions
What does the song
Kwabre Nyame: Adinkra Nkɔnsɔnkɔnsɔn evoke?
Lyrics
Adinkra kasa
Ndɛ yɛ rekenkan "Nkɔnsɔnkɔnsɔn", Asante Twi anwensɛm
Nkabom nye nkɔso na ɛ kɔ
Baakofo nnkɔ ako
Ɛ hyɛ wo kɔn
Ɛ hyɛ me kɔn
Ɛ hyɛ yɛn kɔn
Nkɔnsɔnkɔnsɔn
Kurow ne nkɔso hyɛ me kɔn
Wo nso so ɛ hyɛ wo kɔn
'ayɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn
Nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɔbaakofo nntumi nko nye ɔno nko ara ne ho
'aka wo nantiri, 'aka wo to
Dea 'aka yɛ nkabom
Nkabom nye nkɔso na ɛ kɔ
Baakofo nnkɔ ako
Ɛ hyɛ wo kɔn
Ɛ hyɛ me kɔn
Ɛ hyɛ yɛn kɔn
Nkɔnsɔnkɔnsɔn
Baakofo wɛre aduru a ɛ gu
Ɛ no nti mpaapaamu no bɔ gu
Ɛ yɛ m'ahoɔden kakra
Wo nyimdee kakra
Yɛn nyansa kakra
Ɛ nye mo adwene kakra
Yɛ de bɛfra mberante adwumaden
Mbaayewa anyiwaden
Mbofra asotie
Maamefo nkuranhyɛ
Nye agyanom ateneatenee
Afei yɛ bɛfa afotusɛm afiri aberewa hɔ
Na nkyerɛkyerɛ no nso so yɛ agye no wɔ akokora hɔ
Nka yɛ kɔ koraa
Yɛ hia nkabom a yɛ de bɛkorakora yɛn akuraa
Yɛn nkɔso
Ɛ sɔ me kɔn
Ɛ sɔ wo kɔn
Ɛ sosɔ yɛ kɔn
Nkɔnsɔnkɔnsɔn
Mmhmm
Back to the kasahorow Guide